Psalms 148

Biribiara nkamfo Onyankopɔn

1Kamfo Awurade!
Mo a mote ɔsorosoro, monkamfo Awurade mfi soro!
2Nʼabɔfo ne ne soro asafodɔm nyinaa, monkamfo Awurade.
3Kamfo no, owia ne ɔsram; kamfo no, nsoromma a mohyerɛn.
4Kamfo no, ɔsorosoro ne nsu a ɛboro wim so.
5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din.
Ɔkasae na wɔbɔɔ wɔn;
6ɔkasae na wɔde wɔn tuatuaa nea wɔwɔ hɔ yi afebɔɔ na wɔrentumi mmu so.
7Kamfo Awurade fi asase so, nsuboa ne po ase pɛɛ,
8anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, mframa a ano yɛ den a mutie ne nne nyinaa.
9Kamfo no, nkoko ne mmepɔw, nnua a ɛsow aba ne kwae,
10mmoa nyinaa, wɔn a wodwo ne wɔn a wɔkeka, wɔn a wɔwea fam ne nnomaa.
11Kamfo no, ahene ne nnipa, ahenemmabarima ne wɔn a wodi ahene nyinaa,
12mmeawa ne mmerante, mmasiriwa ne mmofra nso.
13Ma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din!
Ne din so sen edin biara; nʼanuonyam korɔn sen asase ne soro.
14Ɔmaa ne man ahoɔden enti ne mamfo nyinaa kamfo no; nnipa a wɔwɔ Israel a ɔpɛ wɔn asɛm no.
Kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK